Hymn 159: Pentekoste Da Abansoro No So

Hymn 159 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).

Verses

Verse 1

Pentekoste da abansoro no so Gyedifo no hyia twεn soro bɔhyε no; Hɔ na wɔde soro ahoɔden no Bεdom gyedifo ɔha aduonu no; Na wɔn nyinaa de tεkrεma foforo Daa ɔsoro ahintasεm no adi daa

Verse 2

Honhom Kronkron yεn nso Yεretwεn wo Bra bεtena gyedifo koma mu ε; Fa soro tumi no bεdom yεn, Na yεnna w’ahintasεm no adi; Fa honhom mu ogya no bεboa yεn Na yεnsεe ɔtamfo nnwuma no nyinaa

Verse 3

Sε yεn nso betumi ayε biribi a, Gye sε bɔhyε Honhom Kronkron ka yεn ho; Enti yε nso ani da wo kwan Kosi sε yεbenya soro ahoɔden; Sε yεbenya wo a yentumi nnyε hwee, Awurade yεsrε wo ma wo nsa so

Verse 4

Bεsɔ ogya kronkron no wɔ yεn mu Na yεnhye bɔne aba mfi koma mu; Nea ɔtamfo no aduadua nyinaa Na nya kwan fa wo nsa to onipa so; Onyankopɔn ntwentwεn wo nan ase, Yε ntεm bεboa gyedifo nyinaa

Verse 5

Sε Honhom Kronkron no bεhyε yεn ma a Suro ne hu ntumi ntena koma mu; Wiase me ɔbra ne amane Bεyε yεn nyinaa sε anigyede; Onyankopɔn wonim yεn mmrɔwyε, W’adwuma yi nti bεhyε yεn nyinaa den

Hymn 159 of 316

Hymn 159

Pentekoste Da Abansoro No So

1
Pentekoste da abansoro no so Gyedifo no hyia twεn soro bɔhyε no; Hɔ na wɔde soro ahoɔden no Bεdom gyedifo ɔha aduonu no; Na wɔn nyinaa de tεkrεma foforo Daa ɔsoro ahintasεm no adi daa
2
Honhom Kronkron yεn nso Yεretwεn wo Bra bεtena gyedifo koma mu ε; Fa soro tumi no bεdom yεn, Na yεnna w’ahintasεm no adi; Fa honhom mu ogya no bεboa yεn Na yεnsεe ɔtamfo nnwuma no nyinaa
3
Sε yεn nso betumi ayε biribi a, Gye sε bɔhyε Honhom Kronkron ka yεn ho; Enti yε nso ani da wo kwan Kosi sε yεbenya soro ahoɔden; Sε yεbenya wo a yentumi nnyε hwee, Awurade yεsrε wo ma wo nsa so
4
Bεsɔ ogya kronkron no wɔ yεn mu Na yεnhye bɔne aba mfi koma mu; Nea ɔtamfo no aduadua nyinaa Na nya kwan fa wo nsa to onipa so; Onyankopɔn ntwentwεn wo nan ase, Yε ntεm bεboa gyedifo nyinaa
5