Hymn 151 of 316

Awurade Asomafo No

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Awurade asomafo no, Pentekoste da dui no, Honhom Kronkron hyεε wɔn ma Bere a nna no mmra, yεsrεw, Honhom Kronkron bɔ yεn hyew
2
Awurade yεε anwonwa dwuma, Bere a Honhom Kronkron bae no, Na Awurade asomfo no Bɔɔ nkwagye nsεmpan ’dawuru; Yεde yεn ho bɔ afɔre, Kasa, ma ɔhyewbɔ mmra
3
Bra, O Honhom Kronkron bra, Fa tete ɔhyewbɔn ’bra; W’asɔre ahiaw, Awurade bra; Bɔ w’asɔre hyew, Awurade, Ma ɔhyewbɔ no mmra bio
4
Bue ɔsoro pon Kronkron no, Ma tete ɔhyewbɔ no mmra; Hyε w’adwuma ase me mu bio, Sε tete anuonyam da no; Ma’bosu no atɔ nnε, nso, Na ɔhyewbɔ no mmra bio Na bεbɔ w’aɔre hyew bio
5
εhyewbɔ, O ɔhyewbɔ, Bra me koma yi mu nnε; εhyewbɔ, O ɔhyewbɔ, Honhom kronkron ogya bra; O, Honhom Kronkron gya bra, Bεsɔ abɔnefo koma mu gya

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 151 (Awurade Asomafo No) or copy the full lyrics.