Hymn 152 of 316

Honhom Kronkron Te Me Mu

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Honhom Kronkron te me mu, Awurade awo me foforo Ato soro abusua no mu; Me din wɔ nkwa nnwoma no mu Honhom no di me ho adanse sε Me yε Awurade ba ampa
2
Honhom Kronkron te me mu, εno ne bɔhyε Honhom no; εma nnε me te nka sε Kristo ne me wɔ hɔ; Awurade, wo ne me ntena daa, Kosi sε wobεsan aba bio
3
Sε Awurade wɔ m’afa a, Hena na obetia me; Ne Honhom yε me boafo, Mensuro bɔne bi, Honhom Kronkron te me mu daa, Me gyefo no ne me wɔ hɔ
4
Me koma ahyε ma nnε, M’akɔtɔ ahosan sorɔkye no mu; Bosu foforo bi atɔ Agu me kra mu nnε Nokware Honhom na manya yi, Honhom boafo tena me mu daa.

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 152 (Honhom Kronkron Te Me Mu) or copy the full lyrics.