Hymn 149: Momma Mo Akoma Nntutu
Hymn 149 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Momma mo akoma nntutu; Monnye Onyankopɔn nni; Na menso me nnye me nni, Mete ase, mo bεtena ase
Verse 2
Nea merekɔ monim, Na ɔkwan no nso monim; Me ne kwan, nokware ne nkwa, Monni m’akyi na morennyera
Verse 3
Merekɔ m’akɔ siesie Tenabea mama mo wɔ soro hε, Na m’abɔfa mo akɔ, Na mo akɔhome afebɔɔ
Verse 4
Montena me dɔ no mu daa Na merennyaw mo nyisiaa; Mεsoma Honhom Kronkron Na ɔne mo abεtena daa
Verse 5
Asomdwoe mu na me gyaw mo, Ɛnyε wiase asomdwoe; M’asomdwoe na me gyaw mo, Merekɔ, mεsan aba bio