Hymn 148 of 316

Yesu Kristo W’asɔre Nnε

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yesu Kristo w’asɔre nnε; Gyedifo nyinaa mmɔ ose; Alleluia, alleluia Yesu Kristo w’asɔre
2
W’asɔre nnε, w’asɔre ampa, Nea ɔkae na wayε yi; Alleluia, alleluia W’asɔre orennwu bio
3
W’asɔre wɔ nkonimmdi mu, Owu mpokyerε abubu; Alleluia, alleluia εte ase, odi hene daa
4
Monkohyia no wɔ Galilee Na yεnhyε no abɔso hene; Alleluia, alleluia Kristo mmo wa adi nkunim
5
Anɔpawi rehyerεn yεn so, Kristo wusɔre no nti; Alleluia, alleluia Gyedifo nyinaa sɔre wo
6
Alleluia, alleluia Monhuro mma ɔhene Kristo Alleluia, alleluia W’asɔre, tumi wɔ no

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 148 (Yesu Kristo W’asɔre Nnε) or copy the full lyrics.