Hymn 145 of 316

Teεm Dennen Ma Yesu Awurade

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Teεm dennen ma Yesu Awurade To ayεyi dwom ma nkonimdifo no, Owu akotow Yesu Awurade, Awurade asɔre, alleluia
2
Yesu Awurade din no yε nnwonwa Ͻyε ɔhene kunin ne nkonimdifo, Mommɔ ne din nhyε ’Nyankopɔn anuonyam Awurade asɔre, alleluia
3
Yesu ne anɔpa Nsoromma a εhyerεn Ͻhyerεn ma me nti nnε mehu ade, Ͻde me nam soro ahenni kwan so Awurade asɔre, alleluia
4
Di ahurusi Awurade asɔre nnε, Di ahurusi na wo nkwagye asi pi Kristo Awurade wu no yε mfaso, Awurade asɔre, alleluia
5
Di ahurusi Awurade Yesu asɔre Di ahurusi εrennkyε wobehu hene no, Na wo ne anuonyam hene bεtena Awurade asɔre, alleluia
6
O owu wo nwowɔe no wɔ he? Mogya no ahoro wo nwowɔe no nyinaa Nnipa nyinaa Agyenkwa no asɔre, Awurade asɔre, alleluia
7
Yeyi wo ayε nipa nyinaa Agyenkwa Yεbεbɔ w’adom wu no ho dawuru Wo ne nipa nyinaam Nsoromma a εhyerεn Yeyi wo ayε alleluia

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 145 (Teεm Dennen Ma Yesu Awurade) or copy the full lyrics.