Hymn 143 of 316

Bɔ Wusɔre Torobεnto No

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Bɔ wusɔre torobεnto no, Alleluia; Gyedifo mmɔ ose sε Alleluia; Agyenkwa no asɔre, Alleluia;
2
Kristo tumi ada adi Alleluia; Wiase tumfo no wɔ he? Alleluia; Yesu Kristo asɔre, Alleluia;
3
Yesu Kristo akasa, Alleluia; Gyedifo nyina ate, Alleluia; Momma yεnteεm dennen sε Alleluia;
4
Sum aguan afi n’anim, Alleluia; Wusɔre hann fεfε rehyerεn, Alleluia; Kristo wasɔre ampa, Alleluia;
5
Teεm na bɔ ose ka sε, Alleluia; Wo ne soro dɔm nka sε Alleluia; Kalvary wu no anyε kwa, Alleluia;
6
Nnebɔneyεfo ani agye, Alleluia; Efisε w’anya ogye, Alleluia; Monkotow nsɔre Kristo Alleluia;

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 143 (Bɔ Wusɔre Torobεnto No) or copy the full lyrics.