Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 142 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Yesu Mogya Ne M’ahyehyεde
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yesu mogya ne m’ahyehyεde
Ɛno ne m’anida so
Etumi tu me yaw nyinaa
Na εma me asomdwoe
Mogya dehye,
Mogya kronkron
Ɛno ne magyapade
2
Yesu mogya ne ͻkra nkwa nsu
Etumi dwodwo koma
Etumi horo bͻne nyinaa
Na εhyε gyedifo den
Mogya dehye,
Mogya kronkron
Ɛno ne m’ahyehyεde
3
Yesu mogya yε nkwa nsu bura
Ne mu na adom ahyε ma
Sε ’debͻneyεni tͻ mu a
Wͻrenkae ne bͻne bio
Mogya Kronkron,
Mogya kronkron
Ɛno ne m’ahyehyεde
4
Yesu mogya ne m’ahyehyεde
Ne mu na m’anigye wͻ
M’awerεhow ne m’adesoa
Afi me so, mogya no nti
Mogya dehye,
Mogya kronkron
Ɛno ne m’a hyehyεde
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 142 (Yesu Mogya Ne M’ahyehyεde) or copy the full lyrics.