Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 111 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Adom Bi Na Kristo De Nam Gyedi So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Adom bi na Kristo de nam gyedi so
Agye me nkwa na εnnyε ndwuma nti,
N’afɔrebɔ kronkron no som me bo,
O,hwε sεnea Yesu Kristo si dɔ me,
2
Yesu kɔɔ Kalvary ko wui maa me ne wo
Ɔsoaa dua duruduru no bepɔw no so
Owui wɔ nokware ne trenee mu,
Gyee yεn fii owu mprenu atεmmu mu
3
Wɔde mfew ano yii Yesu Kristo mae
Sε debɔneyεni a εsε sε owu;
Ɔde n’adehye mogya no agye me,
Ayi me afi mmusu a mebɔe mu
4
N’afɔbu atεmmu agua’nim gyina no
Yε nnebɔneyεfo bemmu atεmmuda;
Nnebɔneyεfo asotwe nyinaa daa no so;
Me werε remfi sε Kristo yε Agyenkwa
5
Kristo yε nnebɔyεfo nyinaa gyefo pa,
Wiase agyenkwa a yεanya no nhui;
Na mmrεwyε na εhyε gyedifo den,
ɔno ne ogyefo a yεanya no nhui
6
N’asεndua soa ’kwantu no yε animguase
Yεrusalεm abɔnten so asehwe
Maa nnebɔneyεfo asotwe kitaa no,
Ɔdɔfo bεn na ɔtesε Yesu Kristo?
7
Kristo yεε komm daa bɔne asεndua no so
Sε oguanten bi a wɔrekokum no;
Sε mehwε n’amanehunu apirakuru a,
εma mekae sε anka meda owu nna
8
N’asεndua no so wu no yε akyεde,
Nnebɔneyεfo nyinaa nkwagye akyεde;
Yesu Nasarεni no de n’adom mogya
Pataa Onyankopɔn mma me mmarato nyinaa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 111 (Adom Bi Na Kristo De Nam Gyedi So) or copy the full lyrics.