Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 113 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Asεndua No Akwantu No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Asεndua no akwantu no
Ne Kristo wu no mfiase
Ɔde anigye tuu kwan no,
Soaa nnipa nyinaa bɔne;
Ɔde ogye abrε me nti,
Mεkae n’amanehunu
2
Ɔbrε ne amanehunu yi
Na Kristo de gyee me kra;
Bere me da bɔne mu no,
Na Kristo tee me yaw;
Ɔmaa kwan ma wopiraa no nti,
Mεkae n’amanehunu
3
Me bɔne de me yerae,
Wɔ wiase yi mu;
Nanso Kristo bεhwεhwεε me,
Efisε ɔdɔ me mmoroso;
Wobuu no kumfɔ maa me nti,
Mεkae n’amanehunu
4
Menni biribiara nka
Mede bεpata’Awurade;
Kristo de n’adehye mogya,
Pataa Yehowa mma me;
Wɔbɔɔ Kristo asεndua mu nti,
Mεkae n’amanehunu
5
Kalvary asεndua no so
Na Kristo wie n’adwuma;
Ɔteεm denen sε w’awie
Me nkwagye ho adwuma;
Osukɔm dee no man me nti
Mεkae n’amanehunu
6
Ɔyeraba a ɔte sε me
Na Kristo ahu me yi;
Me nkwagye yεε no adesoa
Enti w’ammu owu hwee;
Kristo dɔfo agye me nti,
Mεkae n’amanehunu
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 113 (Asεndua No Akwantu No) or copy the full lyrics.