Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 114 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Asεndua No So Wu No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Ɔkaa Yehowa koma tɔɔ ne yam,
Ne mogya a ohwiei gui nti,
Me mpae ara ne sε mεdɔ
Kristo sεnea ɔdɔ me
1
Asεndua no so wu no
Na m’agyenkwa de tɔɔ me,
Ɔde n’animguase wu no
Pataa Yehowa maa me
2
Kristo de n’amanehunu frε
Me bere a me yerae no,
Onyankopɔn gyee n’afɔrebɔ
Enti w’agye me sε ɔba
3
Kalvary akwantu mu berε no
Kyerε Yesu ne dɔ no,
Ne bere ne n’amanehunu no
Ma mehu sε ɔdɔ me
4
Yesu yii ne dɔ no adi
Bere a ɔsεn dua no so,
N’asεndua mu bɔ no yii
Me bɔne adi kyerεε me
5
Me gyefo ne wo Awurade
Fa me sie wo din no mu;
Me kra kɔn dɔ w’εm enti
Na m’agye wo frε so yi
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 114 (Asεndua No So Wu No) or copy the full lyrics.