Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 115 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Bura Bi Wɔ Hɔ ’a Mogya Ayε M’ma
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Bura bi wɔ hɔ ’a mogya ayε m’ma;
εyε Kristo mogya no
Sε me kɔtɔ mu a meho bεtew koraa
Sε mede me bɔne adesoa kɔtɔ mu’a
Mogya no nti, me ho bεyε fitaa
2
Bura bi wɔ hɔ ’a mogya ayε m’ma;
Ɛyε Kristo mogya no;
Mogya dehye yi na efi Kristo ne mfem no,
Srε fa wo bɔne adesoa kɔtɔ mu bi
Na ne nyinaa bεyera wɔ ani so
3
Bura bi wɔ hɔ ’a mogya ayε m’ma;
Ɛyε Kristo mogya no
Eyi ni afɔre a εkɔ so ara no;
Oguammaa mogya yi ama nnε yεadi bem,
Enti wɔrenkae yεn bɔne bio
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 115 (Bura Bi Wɔ Hɔ ’a Mogya Ayε M’ma) or copy the full lyrics.