Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 110 of 316🏷️ Buronya ne Awoɔ(Christmas & Incarnation)
Hosanna, Hosanna Nhyira Nka No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Nea ɔnam Awurade din mu reba no,
Hosanna, hosanna nhyira nka no
2
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Gyedifo pomfo no nhyira nka no
Nea ɔte afurumba so reba no,
Hosanna, hosanna nhyira nka no
3
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Yεn nkwagye botan no nhyira nka no,
Kristo asafo, momma mo nne so,
Hosanna, hosanna nhyira nka no
4
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Kristo di hene ampa, nhyira nka no,
N’ahenkyεm no yε anuonyam abɔtiri
Hosanna, hosanna nhyira nka no
5
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Yεn hene pa Kristo no nhyira nka no,
Anuonyam ne nidi yε Awurade dea
Hosanna, hosanna nhyira nka no
6
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Momma yεmfa anigye nhyε nka no,
Awurade Kristo tumfo bedi hene daa
Hosanna, hosanna nhyira nka no
7
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Israel Hene Kristo nhyira nka no,
N’ahenni no boro ahenni nyinaa so,
Hosanna, hosanna nhyira nka no
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 110 (Hosanna, Hosanna Nhyira Nka No) or copy the full lyrics.