Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 105 of 316🏷️ Buronya ne Awoɔ(Christmas & Incarnation)
Momma Yεmfa Aseda Mma Onyankopɔn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Momma yεmfa aseda mma Onyankopɔn
Na wama yεahu ne nkwagye
Anigye kεse nsεmpa a yεate yi,
Bε yε aman nyinaa de
Wɔawo Kristo no wɔ Betlehem
Ɔda mmoa adidi daka u,
Anuonyam wɔ soro soro ma Onyankopɔn
Asomdwoe wɔ ’asase so
2
W’awo nea ɔ sorosoro no Ba
Enti momma yεn ani nnye
W’ama Kristo Agyenkwa no aba,
W’ama Israel ahotɔ;
Gyedifo Agyenkwa no aba,
Ɔno ne wiase akyεde;
Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn
Asomdwoe wɔ asase so
3
Onyankopɔn apopa wiase sum,
W’ama ne hann fεfε no ahyerεn
Kristo nsoromma no ahyerεn wɔ sum mu
Ama anifuraefo nnε;
W’awo Kristo no wɔ David kurom
Israel ahu ne bɔhyε
Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn
Asomdwoe wɔ asase so
4
Momma yεn akyεde nkɔkyε
Kristo Agyenkwa kronkron no,
Momma yεmfa aseda mma Onyankopɔn
Na w’ama yεahu Awurade;
Yesu Kristo ne yεn Agyenkwa,
Enti momma yεn ani nnye
Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn
Asomdwoe wɔ asase so
5
Momma yεnka nkyerε nnebɔneyεfo sε
Wɔawo Kristo agyenkwa no,
Momma yεmfrε wɔn nyinaa mmra ne nkyεn
Na Kristo mma wɔn asomdwoe,
Yesu Kristo ne asomdwoe hene,
Ɔno ne wiase anidaso,
Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn
Asomdwoe wɔ asase so
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 105 (Momma Yεmfa Aseda Mma Onyankopɔn) or copy the full lyrics.