Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 102 of 316🏷️ Buronya ne Awoɔ(Christmas & Incarnation)
Anuonyam Nka Onyankopɔn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Anuonyam nka Onyankopɔn
Ade nyinaa so’tumfo,
Soro ne asase yεfo
1
Anuonyam nka Onyankopɔn,
Asomdwoe wɔ ’asase so,
Anisɔ wɔ nnipa mu,
Ma wɔn a wɔwɔ pε pa
2
Momma yεne soro asafo
Nto dwom nyi Awurade ayε
W’ama wiase ahu ne nkwagye
Ne nkwagye bɔhyε no nnε
3
Anigye wɔ sorosoro,
Efisε w’awo Kristo
Nnebɔneyεfo Agyenkwa,
Ama wiase nkwagye
4
Momma yemmom nkɔ Betlehem
Na w’awo Yesu Kriisto
Yebehu no sε ɔda
Mmoa adidi ’daka mu
5
Momma yεmfa aseda nnwom
Nyi onyankopɔn ayε
W’ama ne basa no so
De ogye abrε yεn nnε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 102 (Anuonyam Nka Onyankopɔn) or copy the full lyrics.