Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 101 of 316🏷️ Aware Nhyira ne Mmofra(Wedding & Children)
Yehowa, Tew W'anim Kyerɛ
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa, tew w'anim kyerε
Wɔn a wogyina w'anim
Rebεhyε wo bɔ yi nnε,
Wɔ wɔn aware kronkron nti,
Nea Yesu dii ho 'adanse
Si eyi na εsɔ w'ani.
2
Nhyira pa bi wɔ hɔ
Ma wɔn a wɔtwεn w'anim,
Enti hyira aware kronkron yi so,
Efisi wowɔ nhyira pii;
Wo mma yi retwεn wo sε
Wo behyira wɔn nnε
3
Yεbisa sε hyira wɔn,
Anuonyam a w'ahyε wo nti;
Wo nsam na soro nnepa wɔ
O Yehowa , hyira wɔn,
Na ma wɔn nyinaa nhu sε
Wo nsam nhyira na eye.
4
Yehowa nnom mo nhyira mo;
Ne nhyira mmu so mma mo,
Ɔmma n'animtew mmra mo so;
Ɔnhwε mo nna ne sɔre so,
Momfa mo ho nto no so
Na ne nhyira no abuso.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 101 (Yehowa, Tew W'anim Kyerɛ) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (13) →