Hymn 89 of 316

Hyira Me, Fa Wo Nsa To Me So

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Hyira me, fa wo nsa to me so, Yesu Kristo, hyira me; Hyira me,hyira me Wo nhyira na eye
2
Hyira me, na m’atena wo fi daa Atie wo nsεmpa daa Hyira me,hyira me Na m’atena wo nkyεn daa
3
Hyira me Yesu Kristo hyira me Na m’ayε abofra pa; Hyira me,hyira me Na ensi me yeyi
4
Hyira me , mmofra dɔfo, hyira me, Wo nkutoo na hyira me; Hyira me,hyira me Fa soro nhyira hyira me,
5
Hyira me,Agyemkwa pa hyira me Na mahu wo nkwagye; Hyira me,hyira me Nyame ’Guammaa, hyira me
6
Mmofra ’damfo kronkmron, hyira me, Na m’ayε nhyira ba; Hyira me,hyira me Na m’atena wo nkyεn daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 89 (Hyira Me, Fa Wo Nsa To Me So) or copy the full lyrics.