Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 88 of 316🏷️ Aware Nhyira ne Mmofra(Wedding & Children)
Yehowa Nhyira Wo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa nhyira wo
Na ɔntew n’anim nkyerε wo
Yehowa nhwε wo so
Na ɔma wo asomdwoe,
εnhwε wo so na ɔnnom wo
εnhwε wo so dasum
Yehowa nhyira wo
Na ɔma wo asomdwoe
2
Yehowa nhyira wo
Na ɔnkyerε wo kwan pa no
Yehowa mfa wo nsie
Mmere bɔne ne mmere pa mu
Yehowa nhwε wo so yiye
Akwan nyinaa ara mu
Adom ne asomdwoe
Mfi Yehowa nkyεn nka wo
3
Yehowa ne wo nnantew
Na ontie wo dahiada mu
Yehowa mfa wo nkɔ
Ɛmfa wo mmra asomdwoe mu
Ɛmma n’anim nhyerεn wo so
Tebea biara mu
Ɛnkae n’adɔe no
Na ɔmma wo asomdwoe
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 88 (Yehowa Nhyira Wo) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (13) →