Hymn 103 of 316

Anuonyam Nka Onyankopɔn

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Anuonyam nka Onyankopɔn Wɔ soro hɔ; Anuonyam nka Onyankopɔn, Wɔ soro soro hɔ.
1
Anuonyam nka Onyankopɔn, Wɔ soro soro hɔ; Ahotefo nyinaa nka sε, Anuonyam nka no daa;
2
Anuonyam nka Onyankopɔn, Wɔ soro soro hɔ; W’ama ne nkwagye basa so Ama nnebɔnyεfo.
3
Anuonyam nka Onyankopɔn, Wɔ soro soro hɔ; Momma yεnmmɔ ose mma no Na yεahu ne nkwagye.
4
Anuonyam nka Onyankopɔn, Wɔ sorosoro hɔ; Ɔde ne nsεmpa krɔnkrɔn no Abε kyekye yεn werε
5
Anuonyam nka Onyankopɔn, Wɔ sorosoro hɔ; O hwε sεnea Yehowa hyerεn, wɔ soro kurow no mu.
6
Anuonyam nka Onyankopɔn, Wɔ sorosoro hɔ; Sε Kristo da ne ho adi a Yebehu n’anuonyam

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 103 (Anuonyam Nka Onyankopɔn) or copy the full lyrics.