Hymn 162 of 316

Ma Te Yesu Kristo Frε No

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Ma te Yesu Kristo frε no Ɛnti na maba ne nkyεn yi Mahu, Yesu Agyenkwa no Mεtena ne nkyεn na wagye me
2
Yesu Kristo nne gyegye Reka me bɔne kyerε me Ɛde ne nyina bεkyε me Mεtena ne nkyεn na wagye me
3
Debɔneyεni, mate ne frε Ɛnti m’aba m’agyenkwa nkyεn; Ɛbεhoro me bɔne nyinaa Na m’ahoa sε sukyerεma
4
Merebewu ama bɔne Wɔ nsu mu asubɔ yi mu; Me ne Kristo rebom awu Na da bi me ne no ahyia
5
Anigye nnwom bi gyegye Ɛyε soro asafo nne; Wɔde anigye reto nnwom Sε nnebɔneyεfo asakra

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 162 (Ma Te Yesu Kristo Frε No) or copy the full lyrics.