Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 86 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Onyankopɔn, Behyira Me
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn, behyira me
WƆ wo botan kronkron no so;
Mede me tεkrεma bεto
W’asεmpa dwom no daa,
Ma me kra ho asεmpεfo
Ani nnwu daa na wɔn nsopa
Na me mfa so mmɔ wo din daa
2
Onyankopɔn, behyira me
Na w’ayεyi nhyε m’anom ma;
Ma anɔpa owia nhyerεn
Na wo din ntena hɔ daa;
Wo na woma nhyira bu so
Enti dan m’awerεhow anigye,
Na mεbɔ wo din akyerε
3
Onyankopɔn, behyira me
Na wo so na me koma da;
Me nso mede bεnta sanku
Mεto wo nhyira ho dwom;
Wobεma me kεseyε adɔ,
Na w’adom me awerεkyekye
Na menhyira wo afebɔɔ
4
Onyankopɔn, behyira me
Bεdan m’amanehunu ahotɔ;
Nhyira ne Onyankopɔn,
Nea otumi hyira no;
Wo na wokora ohiani so,
Enti ma wo ho so ntεm
Na mento wo kronkron ho dwom
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 86 (Onyankopɔn, Behyira Me) or copy the full lyrics.