Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 85 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Mεma Me Nne So Ato Dwom
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mεma me nne so ato dwom
Ayi Onyankopɔn din ayε
Mεto dwom dεdε ama no
Na da bi menya ne nsam nhyira
2
Mede nnwonto kronkron bεma
Otumfo Nyankopɔn wɔ soro
Mεto dwom kronkron ama no
Na da bi manya ne nsam nhyira
3
Mεto dwom ama me bɔfo
Mεsɔre no wɔ ne kronkronbea
Mεto n’adɔyε ho dwom daa
Na da bi manya ne nsam nhyira
4
Mede torobεnto mεto dwom
Akamfo nea ɔwɔ hɔ daa no
Mεma me nsa so ahyira no
Na da bi manya ne nsam nhyira
5
Mεkamfo Onyankopɔn daa
Ɔsoro ne asase yεfo
Nea ne nko wɔ hε nnε ne daa
Na da bi manya ne nsam nhyira
6
Mede ayεyi dwom bεma
Nea ɔwɔ me kra so tumi no
Mehyira Onyankopɔn daa
Na da bi manya ne nsam nhyira
7
Mede ayεyi dwom bεbo
Afɔre wɔ ne kronkronbea hɔ
Mεkoto asɔre wɔ n’anim
Na da bi manya ne nsam nhyira
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 85 (Mεma Me Nne So Ato Dwom) or copy the full lyrics.