Hymn 84 of 316

Abɔde Nyinaa Nyankopɔn

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Abɔfo nyinaa Nyankopɔn Me kra ani da wo so Gye m’afɔrebɔ yi so Na ma menya wo nhyira Wo dom akyεde no nti Ma menya wo nsam nhyira
2
Mεkasa akyerε wo Wo a woyε gyefo pa W’adom no wɔ hɔ daa nti Minim sε wobetie me Wo mmɔborɔhunu to ntwa da Ma menya wo nsam nhyira
3
Nyi w’ani nhintaw me Gye me sε mete biara Awurade,sɔ me koma hwε Na ma mentena wo nka daa Megye di sε wodɔ me Ma menya wo nsam nhyira
4
Meyε onipa b anti Bɔne rempa me ho da Fa hisop horo me ho Na ma mentena wo nkyεn daa Wone me Onyankopɔn nti Ma menya wo nsam nhyira
5
Sε mekɔ mrεwyε mu a Teε wo dɔ nsa no ka me Hyε me den na ma mentena W’adom no monnya nhyira Me werε mmfi wo din nti Ma menya wo nsam nhyira

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 84 (Abɔde Nyinaa Nyankopɔn) or copy the full lyrics.