Hymn 83 of 316

Yesu Ahu Me Mmɔbɔ

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yesu ahu me mmɔbɔ Na adom abu so ama me, εno ne me kwankyerεfo, Enti ebesi me yiye
2
Yesu dɔ me nti mensuro, Odi me kan nea mekɔ Otutu m’anammɔn ma me, Enti ebesi me yiye
3
Yesu na ɔhwε me so Awia ne anadwo nyinaa, Mensuro anadwo wibɔ, Enti ebesi me yiye
4
Yesu ne me dimafo Odi ma me wɔ soro hɔ, Megye di sε ɔtease, Enti ebesi me yiye
5
Yesu nim sεnea mete, Enti ne nkyεn na mεtena, εde me bɔne akyε me, Enti ebesi me yiye
6
Yesu ne me kra dɔfo, Ohwiee ne mogya gui maa me, Wama manya ne nsam nhyira, Enti ebesi me yiye
7
Yesu bewui maa me bɔne, εno ne me kra gyefo, W’apopa me mmarato nyinaa, Enti ebesi me yiye
8
Yesu ne nokware kwan εno ne soro tempɔn no εremma memfom kwan no so, Enti ebesi me yiye

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 83 (Yesu Ahu Me Mmɔbɔ) or copy the full lyrics.