Hymn 82 of 316

Wo Yehowa, Na Meguan Toa Wo

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Wo Yehowa, na meguan toa wo, Minim sε manim renwu ase; Fa wo tenenee yi me nag ye me, Yε’aso ma me nag ye me nkwa; Wo Yehowa ne m’anidaso Enti na metwere wo daa
2
Wone botan ne me ho fasu, Enti tew w’anim kyerε me; Wo na woahyε sε wone me nkwa Enti me werε remfi wo; W’ayεyi bεhyε m’anom ma Na makamfo daa nyinaa
3
M’ano bεka wo nkwagye no daa Efisε w’ani wɔ me so; Mεma nnipa nyinaa ahu sε Wone me boafo wɔ wiase; Wobεma nkwagye amee me kra Na madi wo ho adanse
4
Me de mεtwεn ara daa yi, Efisε mete w’adom no nka; Wobεma me kεseyε adɔ, Na wabεkyekye me werε; Mede bεnta sanku mεto nwom WƆ wo fi kronkron no mu daa
5
Me ne wo bεtena daa nyinaa; Woremfa nhyira nkame; Wobεma nnipa nyina ahu Wo nhyira a abu so no; Mεbɔ afɔre ama wo din Na ama nnepa amee me kra
6
Mεkamfo wo kεseyε no daa, Ne mabɔ wo din akyerε; Efisε m’amanehunu mu no Wobεma manya nkwa bio; Wobεma asi me kra yiye Na mahome wɔ wo mu daa
7
Ɔtwεn na mεtwεn w’anim daa yi, Na manya nea ehia me kra; Onyankopɔn, tew w’anim kyerε me, Na ma me nhu wo bɔhyε no; Gye me fi ɔbɔnefo no nsam Na manya tenabea wɔ wo nkyεn
8
Mεma me kra so akyerε wo Onyankopɔn a wotumi, Wone nnipa nyinaa tεmmuafo Enti na meguan toa wo; Fa me sie wo nsa yam korabea hɔ Na menkotow nsɔre wo daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 82 (Wo Yehowa, Na Meguan Toa Wo) or copy the full lyrics.