Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 81 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Wɔn A Wɔtwεn Yehowa No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
WƆn a wɔtwεn Yehowa no
Ade pa biara mmɔ wɔn;
Ɔma wo hu no dahiada mu
Sεnea ne bɔhyε kronkron te;
Ogye wɔn kɔ nsu a edwo ho
Na ɔma wɔn nya nhyira
2
WƆn a wɔtwεn Yehowa no
Ɔkyerε wɔn kwan tenenee no;
Ɔde ne fi asomdwoe ma wɔn
Ma wɔsow aba ne bere mu;
Onyankopɔn fi nne pa no nti
WƆde anigye hyira no
3
Onyankopɔn ama mahu
Nnepa pii a wasiesie no;
Adom ne asomdwoe a εwɔ hɔ
Ma wɔn a wɔba ne nkyεn nyinaa;
W’ama manya dom asi dom mu
Enti mεto ne ho dwom daa.
4
Mεkɔ Onyankopɔn fi daa
Akohyira ne din kronkron;
Awo ntoatoaso bεkamfo no
Na w’aka sε Yehowa ye;
WƆbεma ne din atena hɔ
Na nkyirimma nso asuro no
5
Onyankopɔn yε ɔdomfo
N’adom no nti na yεwɔ hɔ
W’abue ne nsam ama gyedifo
Enti na wɔbata ne ho;
O,Yehowa yεbεsɔre wo
Na yεanya wo nsam nhyira daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 81 (Wɔn A Wɔtwεn Yehowa No) or copy the full lyrics.