Hymn 80 of 316

Ɔtwεn Na Mεtwεn Yehowa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Ɔtwεn na mεtwεn Yehowa Na ɔbε te me sufrε; Ɔtwεn na mεtwεn Yehowa Na w’akyerε me nea menyε Ɔtwεn na mεtwεn Yehowa Na mahu ne kwankyerε, Ɔtwεn na mεtwεn Yehowa Na wakyekye me werε
2
Yehowa, ma mente wo nne Na me koma ntɔ me yam; Yehowa, wo ne me tenenee Mma minnni awerεhow nnkyε Yehowa ne me sufrε nne Na ma koma ntɔ me yam Yenhowa Onyankopɔn sɔre Na yε ntεm bεboa me nnε
3
Yehowa twa m’awerεhow so Na me werε mmfi wo; Yehowa ma wo basa so Na nkonimdi wɔ wo Israel Nyankopɔn gyefo Wo na m’ani da wo so Yehowa twa m’akodi so Na m’amfom wok wan pa so

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 80 (Ɔtwεn Na Mεtwεn Yehowa) or copy the full lyrics.