Hymn 79 of 316

Onyankopɔn, Wo Na Wadɔeε Dɔɔso

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Onyankopɔn, wo na wadɔeε dɔɔso Sε yεn amumuyε kasa tia yεn mpo’a Wo din nti mpa yεn, di wahyεde so; Efisε wo na Israel hwε wo kwan
2
Onyankopɔn, wo na w’adɔe dɔɔso Wowɔ yεn ntam nti wode din ato yεn so; Yehowa nnyam yεn, kae w’ahyεde no, Efisε wo na Israel hwε wo kwan
3
Onyankopɔn, wo na w’adɔe dɔɔso Kyerε yεn w’asomdwoe kwan na yεmfa so; W’anum asεm nti ma yε nhu wo gye, Efisε wo na Israel hwε wo kwan
4
Onyankopɔn, wo na w’adɔe dɔɔso Wo nkutoo na wadi w’asεm nti gye yεn Yehowa, gye yεn sεnea w’asεm se, Efisε wo na Israel hwε wo kwan
5
Onyankopɔn, wo na w’adɔe dɔɔso Yehowa, kasa na me koma ntɔ me yam; Me nkwagye botan, nhinta wo ho Efisε wo na Israel hwε wo kwan
6
Onyankopɔn, wo na w’adɔe dɔɔso Ma w’anuonyam tenabea ahengua kronkron so Kasa fi soro na yεnte wo nne, Efisε wo na Israel hwε wo kwan
7
Onyankopɔn na wayε yεn nkwagye Momma ne nkunimdi frankaa no so, Wapansam n’atamfo nyinaa agu nti Monto ayεyi dwom mma no daa.

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 79 (Onyankopɔn, Wo Na Wadɔeε Dɔɔso) or copy the full lyrics.