Hymn 211 of 316

Onyankopɔn, Mmere A Adi Akyiri Ni

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Bεhyerεn nnebɔneyεfo koma mu Na wɔnsakra wɔn adwen; Betu bɔne fi koma mu, Na ensi nnipa yiye
1
Onyankopɔn, mmere a adi akyiri ni Ma nsεnkafo nsɔre; Onyankopɔn, yi wo nkurɔfo adi, Na wɔn tu sa mma wo
2
Onyankopɔn soma w’asεmpa no Na εmmεsεe sum nnwuma; Bεfa nnipa a wɔmmu wɔn no, Sεe tamfo nnwuma nyinaa
3
Sum kabii ahyε asase so, Behyerεn ma gyedifo nyinaa; Ma ogya framfram nnεw wɔ w’asɔrefi Ma nsεnkyerεnne nna adi
4
Yehowa wone yεn Nyankopɔn, Enti pue yεn nsraban so; Akodi mmere a εdi akyiri ni, Enti da wo tumi adi

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 211 (Onyankopɔn, Mmere A Adi Akyiri Ni) or copy the full lyrics.