Hymn 212: W’ama Nkwagye Dua No So,
Hymn 212 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
W’ama nkwagye dua no so, Mommra mεhwε mo gyefo no, Ɔsεn hɔ redi ma mo daa
Verse 2
Wama nkwaye dua no so, Mommεhwε nea ɔsεn hɔ no, Nkwa nsu bi fi ne mu repem
Verse 3
Wama nkwagye kuruwa no so, Nnebɔneyεfo mommra mmεhwε Nkwagye nsu bi ahyε no ma
Verse 4
Wama nkwagye kuruwa no so, Wɔn a w’abrε mmra mmεnom bi, Na w’abue nkwagye nsu no so
Verse 5
Wama nkwagye kuruwa no so, Wɔn a osukɔm de wɔn mmra, Mmεnom adom nkwa nsu no bi
Verse 6
Wama nkwagye kuruwa no so, Akwantufo mommra mmεhwε, Na Kristo nkwagye no adu
Verse 7
Wama nkwagye kuruwa no so, Ayarefo nyinaa mmεnom bi Mobenya home bi wɔ mu