Hymn 213 of 316

Yesu Ma Me Wɔ Nnɔ Wo Daa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yesu ma me wɔ nnɔ wo daa Nkyεn wiase ’agyapade; Ɛnnkyε na atwam kɔ, Na wɔnkae no koraa, Sε w’adom hyε me ma a, Ɛno mu na mεtena ase
2
Ɔkra nkwagye na ehia, Ɔno na εmporɔw dda, Kristo mogya dehye Betumi ayε wo ’dehye; Guan Yehowa abufu, Ne wiasesεe da no
3
Nna bɔne bi reba, Ɔkra, hwεhwε Awurade; Fa no yε w’ade nyinaa, Na ɔbɔgye wo nkwa; Mfa wiase adamfo, Na ɔbεpawo da no
4
Nnε ne ogya da no, Nnε ne ɔdom bere no; Sɔre hwehwε Awurade Nea ne nko gye nkwa no, Ne din no mu nkutoo Na wɔbegye wo da no
5
Ahohiahia da bi A εyε hu reba, Awurade Nyankopɔn Mmɔborohunu to betwa; Ɔdasani benya Ne bɔne so akstua
6
Adamfofa bεn na Wo ne Awurade wɔ? Bεka wo nsεm kyerε no, Na obetumi aboa wo, Ɔyε ahohia mu Boafo nokwarefo

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 213 (Yesu Ma Me Wɔ Nnɔ Wo Daa) or copy the full lyrics.