Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 214 of 316🏷️ Honhom Kronkron ne Pentekoste(Holy Spirit & Pentecost)
Asomafo Asɔre Mu
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Asomafo asɔre mu
Adansedifo kuw;
Yεbεbɔ nkwagye no dawuru,
Akyerε wɔn a wɔayera,
O, nnebɔneyεfo mommra,
Mmεhwε Agyenkwa Kristo,
Nnebɔneyεfo gyefo
2
Sεnea wote biara,
Bra Yesu Kristo nkyεn,
Ɔno ne wiase Agyenkwa,
Ɔfrε wo, bra ne nkyεn;
Bεsɔ ne nkwagye no hwε,
Fa wo bɔne nyinaa bra,
Ɔbεma w’asomdwoe
3
Tie, w’Agyenkwa no frε wo,
Sɔre, bra ne nkyεn ntεm,
Obetumi aboa wo,
Sεnea wote biara,
Tie Yesu Kristo nne nnε,
Wiase yi rentena hɔ daa,
Bra Yesu Kristo nkyεn
4
Kae sε da bi wobewu,
Wobεkɔ dɔte mu,
Owu ne asaman wura
Yesu Kristo frε wo;
Sɔre ntεm bεso ne nsam;
Sε da kεse no du a,
5
Hena reba, ɔrefrε,
Fa wo dadwene nyinaa bra;
Fa wo haw ne amane,
Bra ne nkyεn bεhome
Ɔno ne Oguamma a
Wabesoa wiase bɔne,
Bra, wobenya asomdwoe
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 214 (Asomafo Asɔre Mu) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (12) →