Hymn 210 of 316

Yesu Kristo Yε Agyenkwa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yesu Kristo yε Agyenkwa, Nhyira nka no; W’ama yεn ahu ne nkwagye, Nhyira, nhyira nka no
2
Kristo mogya yε nkwa nsu, Nhyira nka no; Wama yεanom nsu no bi Nhyira, nhyira nka no.
3
Nea ɔsen dua no so Nhyira nka no; W’asoa me bɔne adesoa; Nhyira, nhyira nka no.
4
Yesu Kristo wu no nti, Nhyira nka no; Ne mogya mu wu no nti, Nhyira, nhyira nka no
5
Yesu Kristo adom nti, Nhyira nka no; Ne wusɔre tumi nti, Nhyira, nhyira nka wo
6
Yesu Kristo medɔ wo, Nhyira nka wo; Wo na wodii kan dɔɔ me, Nhyira, nhyira nka wo.

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 210 (Yesu Kristo Yε Agyenkwa) or copy the full lyrics.