Hymn 209: Yesu Ne Me Sum Mu Kanea
Hymn 209 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Yesu ne me sum mu kanea, Ɔno ne ’soro nnepa ti; Ne mu na gyedifo home, Wɔbεte ne frε no dabi
Verse 2
Yesu wo nti wɔabu me bem, Owu mprenu afi me so; Mεtena na fi, medi n’akyε, Akosi sε mεte ne frε Merennyae Yesu Kristo din no bɔ, Din no na atu ne suro; Nea mεkɔ biara mεbɔ, Na aboa me m’asetena mu
Verse 3
Mebɔɔ Yesu Kristo din nti, Wafrε me sε me nni n’akyi; Wasakra m’abrabɔ nnε nti, Mεbɔ ne din, medi n’akyi
Verse 4
Yesu ne Nyankopɔn Aguammaa, W’abεfrε me debɔneyεni; Ɔno ne me nkwa nsu ti daa Merennyaw no, medi n’akyi