Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 176 of 316🏷️ Mpaebɔ ne Ahomte(Prayer & Supplication)
Mεfrε Onyankopͻn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mεfrε Onyankopͻn
Na ͻbεgye me so
Me ne no bεkasa
Na ͻbεte ne nyinaa
Me frε no gyedi mu
Na wakyerε me nea me nyε
Obehwie ne Honhom
Agu me so dasum’
2
Onyankopͻn bεma
M’ate ne honhom nka
Enti me nso mεyε
N’adwuma no wͻ ha
Ɔde ne nsa bεto
Me so na w’ahyε me den
Mεte ne dasum
Na m’asͻre ntεm
3
Ɔbεfrε me afi
M’abusua mu da bi
Na m’apo yere ne mma
Ne m,adͻfo nyinaa
Mεsoa asεndua
Na m’akͻ ne soma no
Ne Honhom bεboa me
Na m’akͻ soma no
4
Onyankopͻn bεma
M’ahu ne bͻhyε no
Nea me ne no bεkͻ
Akͻyε n’adwuma no
M’asεm ara ne sε
Nea wope no nyε hͻ
Enti mede me ho
Bͻ afͻre ma wo
5
Dεn na menyε mma wo?
O,Awurade kasa
Kasa na meretie
Nea wobεka nyinaa
Ma Honhom Kronkron no
Mmoa me wͻ me mmerεwyε mu
Na memfa me ho mmͻ
Afͻre mma wo koraa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 176 (Mεfrε Onyankopͻn) or copy the full lyrics.