Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 175 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Kristo Asεndua Ase Na Mεtena
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Kristo asεndua ase na mεtena
Na ne mogya no asosͻ me so
Enti sε ͻhaw hyε me so mpo a
Mεma m’ani so ahwε Kalvary
2
Kristo m’agyenkwa mεbata wo ho
Me ne wo bεtena na ahyira me
Enti sε nnipa tu me bo mpo a
Mεma m’ani so ahwε Kalvary
3
Kristo asεndua soa no hyε me den
Ne mu tumi no kora gyedifo
Enti sε me kra tͻ piti mpoa
Mεma m’ani so ahwε Kalvary
4
Yesu Kristo dͻ no yε me frankaa
Ɔde adi me bͻne so nkonim
Enti sε bͻne mframa bͻ mpo a
Mεma m’ani so ahwε Kalvary
5
Getsemane hɔ na Kristo kae me
Me bɔne no nti, ɔnom kuruwa no;
Enti sε wiase gyigye me mpo a
Mεma m’ani so ahwε Kalvary
6
Kristo asεndua ase na mεtra
Efisε ɔno ne me kra gyefo;
Sε bɔne yε me adesoa mpo a
Mεma m’ani so ahwε Kalvary
7
Minim m’agyenkwa dɔ sεnea εte,
Onim sε mepε sε me dɔ no bi;
Enti sε me dɔ ano dwodwo mpo a
Mεma m’ani so ahwε Kalvary.
8
Kristo dɔ me, na me yε wo de,
Kyerεw wo dɔ no wɔ me koma mu;
Sε me hyia ɔtaa wɔ me som mu mpo a
Mεma m’ani so ahwε Kalvary.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 175 (Kristo Asεndua Ase Na Mεtena) or copy the full lyrics.