Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 174 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Awerεhow Ahyε Me Kra So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Awerεhow ahyε me kra so,
Nanso Awurade nnyaw me ε,
Ɛde n’asεm dwodwo me kra
Na ɔkasa kyerε me sε
Yε komm na hwε me nkutoo
2
Me sɔhwε asetena mu nyinaa,
Yesu Kristo tena me nkyεn,
Ɛde ne nsa to me koma so,
Na sε awerεhow hyε me so a,
M’agyenkwa werε mmfi me
3
Mentumi nsoa m’adesoa,
Na Kristo yε me boafo,
Onim me yaw ne me brε,
Enti na ɔfrε me sε bra
Na bεhome wɔ me nkyεn daa
4
Merenni awerεhow daa
Efisε Kristo betwa so,
Damoa mu mmom ye ma me,
Owu sunsumma bon mu mpo,
Agyenkwa no ka me ho
5
Me din wɔ nkwa nnwoma no mu
Enti m’ani begye daa,
Dεn na me wɔ yε wɔ ha?
Asetena pa bi nni ha
Ɛye sε mefi ha akɔ fi
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 174 (Awerεhow Ahyε Me Kra So) or copy the full lyrics.