Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 173 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Mete Wiase Sum Yi Mu
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mete wiase sum yi mu
Emu abrabɔ na me bɔ;
Me ntumi ntwe me ho mfi, mu;
Emu na me kyinkyin daa;
Yiw, mete wiase bɔne yi mu,
Nanso me yε Awurade de
2
Mete wiase sum yi mu
Nanso minim nea m’agye no adi;
Mekae no daa m’akwantu mu
Na w’ama m’ahu ne tenenee;
Yiw, mete wiase bɔne yi mu,
Nanso me yε Awurade de
3
Mete wiase sum yi mu
Nanso Kristo hwε me so daa;
Mete wiase sum yi mu
Me werε mmfi Yesu mogya no;
Yiw, mete wiase bɔne yi mu,
Nanso n’asεm kyerε me kwan
4
Mete wiase sum yi mu
Nanso mεbɔ Kristo din daa;
Mete wiase sum yi mu
Nanso Kristo wowaw me daa;
Yiw, mete wiase bɔne yi mu,
Nanso Yesu yε Agyenkwa
5
Mete wiase sum yi mu
Nanso me werε mmfi Yesu;
Mete wiase sum yi mu
Nanso ne hann atwa me ho ahyia;
Yiw, mete wiase bɔne yi mu,
Nanso Awurade dwen me ho
6
Mete wiase sum yi mu
Nanso Kristo hyerεn ma me,
Mete wiase sum yi mu
Nanso Kristo yε me boafo;
Yiw, mete wiase bɔne yi mu,
Nanso Kristo nsεmpa no hyε me den
7
Mete wiase sum yi mu
Nanso m’ani da Kristo so;
Mete wiase sum yi mu
Nanso Kristo yε me boafo;
Yiw, mete wiase bɔne yi mu,
Nanso mewɔ anidaso
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 173 (Mete Wiase Sum Yi Mu) or copy the full lyrics.