Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 172 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yehowa Ne Me Hwεfo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Ɔdwodwo me kra daa
mε fa n’akwan tenenee so
enti me n’suro bͻne bi
efiri sε ͻne me wͻ hͻ
1
Yehowa ne me hwεfo
Enti biribiara nhia me
wura frͻmfrͻm adidibea
Hͻ na Ɔma me kra da
2
Ɔno ne hann ne nkwagye
hena na me n’suro no?
Ɔno ne me nkwa ahoͻden
Enti me ho rempopo
3
Sε dͻm bͻ me ho nsra a
Ne din nti me koma ren ntu
Sε wotu me so sa a
Ne din nti me ho tͻ me
4
Ɔbε ma me ti so daa
wͻ m’atamfo nyinaa anim
mεto sanku ho nnwom daa
abͻ n’ayεyi afͻre
5
Me nkwagye me Nyankopͻn
nyi w’ani nhintaw me
me gyefo boafo nnyaw me
w’anim na me re hwehwε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 172 (Yehowa Ne Me Hwεfo) or copy the full lyrics.