Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 171 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yehowa Ne Me Guanhwεfo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa ne me guanhwεfo
Biribiara renhia me,
Ɔhwε m’adifi ne me fi ba,
Ɔhwε me nnae so ne me sɔre
Mεkɔ Yehowa asɔre fi
Na makotow asɔre ne nkutoo
2
Yehowa tutu m’ananmɔn
Ɔmma me mfa me nan mpem ɔbo;
Ɔwowaw me bεnkum ne nifa,
Ogye me kɔ nsu a εdwo ho,
Mεkɔ Yehowa asɔrefi
Na makotow asɔre ne nkutoo
3
Ɔde me nam kwan tenenee so,
Tempɔn a εde me rekɔ soro,
Ɔrennyaw a εde me rekɔ soro,
Ɔbεma nea me koma pε,
Mεkɔ Yehowa asɔre fi
Na makotow asɔre ne nkutoo
4
Ɔto me nam kwan tenenee so,
Ɔde ngo pa nso fɔw me tirim;
Ɔma me kuruwa yε ma bu so
Yie ne adɔe bedi m’akyi,
Mεkɔ Yehowa asɔre fi
Na makotow asɔre ne nkutoo
5
Yehowa ne me guanhwεfo
Ɔmma ade pa biara mmɔ me;
Meda wura frɔmfrɔm adidibea,
N’abaa ne poma kyekye me werε,
Mεkɔ Yehowa asɔre fi
Na makotow asɔre ne nkutoo
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 171 (Yehowa Ne Me Guanhwεfo) or copy the full lyrics.