Hymn 170 of 316

Yehowa Ne Gyefo

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yehowa ne gyefo, N’adɔeε mmoroso nti W’ayi yεn afi mmusu mu Yεbεkae sεnea ɔte
2
Yehowa ne boafo Ɛtwεn na yεtwεn no, W’ama y’ahu ne kwan pa no Ne nkutoo ne boafo
3
Yehowa dimafo W’amma yε anyera kwan Ɛde yεn nam kwan tenenee so Yebedi n’akyi daa
4
Yehowa kamafo, W’adi yεn tamfo so, W’ama nkonimdi frankaa so De yεn rekɔ soro
5
Yehowa, Agya pa Onim yεn haw nyinaa, Sεnea yεte wɔ ha biara Ne dom no bu so daa
6
Yehowa kwankyerεfo, W’akwan ne trenee kwan W’ama yεahu kwan trenee no Yεbεbata wo daa
7
Otumfo Nyankopɔn, Wo mmobrohunu dɔɔso Nnebɔneyεfo ahu wo dɔ Enti na wonhyira wo
8
Awurade Nyankopɔn, εsoro yε w’agua Mframa yε wo teaseεnam; Wo din ni yε nwonwa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 170 (Yehowa Ne Gyefo) or copy the full lyrics.