Hymn 169 of 316

Yehowa Fi Na Mεkɔ

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yehowa fi na mεkɔ, Mεsɔre wɔ ne Kronkronbea,, Mεma me nsa Kronkron so Ahyira ne di Kronkron; Mεkamfo ne mmanin yε, Na m’a bɔ no abodin Mebɔ anɔpa afɔre Ama Onyankopɔn daa, Mεbɔ ne din awiabere Na mama wɔate ne nka; Anwummerε mεda no ase Na m’abɔ no abodin
2
Nnepa wɔ Yehowa fi, N’afɔre muka so nhyira Na εma gyedifo anigye; Ɛdom ne nkwagye basa wɔ no, Ɛbεhyerεn ama me daa Na m’abɔ no abodin
3
Megye m’ani wɔ ne fi Na nkwagye nsu amee me kra; Ne fi na me dɔfo wɔ Honhom kronkron dom akyεde no Mεhwehwε no wɔ ne fi Na m’abɔ no abodin
4
Ɛmfa ne nhyira nkame, Wɔn a wɔsɔre wɔ n’anim; Ɛbebue soro adom Na w’ama wɔahu n’ayamuye, Ɛbeyi ne dɔ no adi, Na yεabɔ no abodin

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 169 (Yehowa Fi Na Mεkɔ) or copy the full lyrics.