Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 168 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yesu Kristo Mu Nkutoo Na
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yesu Kristo mu nkutoo na
Wɔn a wɔabrε nya home;
εno na otumi boa wɔn
Sε Agyenkwa nokwarefo,
Na ɔma wɔn daa asomdwoe;
Ne mu na asomdwoe wɔ
2
Yesu Kristo nkwagye basa
Agye nnebɔneyεfo nnε
Ɛno na w’asoa ne nyinaa
Wɔ Kalvary bεpɔw no so;
Wama wɔn a wɔte sum mu
Ahu ne nkwagye hann no
3
Wɔmaa no so wɔ Kalvary
Kyerεε nnebɔneyεfo nyinaa;
Wɔn a wɔbɔ Kristo din nyinaa,
W’agye wɔn berε ne amane;
W’ama m’ahu n’adom no nti;
W’ama wɔn daa asomdwoe
4
Yesu Kristo yε dimafo,
Ɛno na ɔte yεn yaw;
Ohu wɔn a wɔabrε mmɔbɔ
Na ogye wɔn adesoa
εma wɔnom nsu a edwo
Enti wɔnkae wɔn brε
5
Yesu Kristo nadom dɔɔso
Ma wɔn a wodi n’akyε
Ɛde wɔn sie mmere bɔnɔ mu
Sε oguanhwεfo ampa;
Ɛbɔ wɔn nyinaa din frε wɔn
Na wɔne no bom nantew
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 168 (Yesu Kristo Mu Nkutoo Na) or copy the full lyrics.