Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 167 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Ɛba Kobɔfo, San Bra Fie
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Ɛba kobɔfo, san bra fie,
Awurade reto wo nsa;
Sεnea wo bɔne te biara,
Bra na Awurade frε wo;
Awurade adɔeε wɔ hɔ
Ɛkobɔfo, san bra fie
2
Ɛba kobɔfo, san bra fie,
Wɔrenkae wo bɔne bio;
Kristo de n’adehye mogya
Adi ama wo bɔne te biara
Bra, ɔkobɔfo, bra fie
3
Ɛba kobɔfo, san bra fie,
Kristo bae ma nnebɔneyεfo;
Na ɔsεn dua no so no;
Awurade yε wo dimafo,
Ɛkobɔfo, san bra fie
4
Ɛba kobɔfo, san bra fie,
Asomdwoe wɔ’gya fie;
Hɔ na anuonyam nyinaa bom
Tena adidi pon koro ho;
Nneεma nyinaa ayε krado,
Ɛkobɔfo, san bra fie
5
Ɛba kobɔfo, san bra fie,
Wɔde wo bɔne akyε wo;
Ma w’ani nnye na san bra fie
Wo nkwagye hia, saan bra fie
Awurade adɔeε wɔ hɔ
Bra, ɔkobɔfo, san bra fie
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 167 (Ɛba Kobɔfo, San Bra Fie) or copy the full lyrics.