Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 166 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Nkonimdi Wɔ Yesu Mogya Mu
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Nkonimdi wɔ Yesu mogya mu,
Yε retu anammɔn ne din mu
De ne nkonimdi frankaa no;
Kristo mogya tumi gyenkwa
2
Onyankopɔn dɔ wiase nti
εmaa ne dɔ ba koro no bewui,
Debɔneyεni gye di na bra,
Kristo bεgye wo nkwa seisei
3
Tie nsεmpa a afi Kalvary
Awurade reteεm frε wo;
Mommra ne nkyεn mo a mo abrε
εbεma moa de m oho
4
Tie nsεmpa no na yε ntεm bra;
Fa w’adesoa no bra Kristo nkyεn;
Obetumi aboa wo nnε
Enti yε ntεm bra ne nkyeεn
5
Wo nkonimdi wɔ mogya no mu,
Enti ma w’ani so hwε no bi;
W’agyenkwa no ayε krado,
Sε obegye wo nkwa nnε
6
Gye Kristo Agyenkwa no di
Ne mu adom nkwagye no wɔ;
Tie nsεmpa no na yε ntεm bra
Na obegye wo nkwa nnε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 166 (Nkonimdi Wɔ Yesu Mogya Mu) or copy the full lyrics.