Hymn 165: Mafi Wiase Sum Yi Mu
Hymn 165 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Mafi wiase sum yi mu Mafa Yesu sε m’agyenkwa M’aguan afi sum mu Anigye ndwom ahyε me ma
Verse 2
Yesu Kristo, m’anhu wo ntεm, Anka m’antena ase ammerε Sεnea mete biara Wo nkyεn na mεtena akyε Fa hisop guare me kra Na me nhoa sε sukyerεma Na me ne wo atena daa nyinaa
Verse 3
Yesu Kristo aguare me W’ahoro me bɔne nyinaa Yesu Kristo aguare me W’ama m’ahoa sε sukyerεma Wasie me nipa dedaw no W’ama m’ayε nipa foforo Me ne Yesu Kristo bεtena