Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 164 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Momma Yεnkɔ Kalvary Nkɔhwε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Mo mmɔ Kristo din no nkyerε
Wɔ ne mogya mu tumi nti
Na yεnto nnwom nyi no ayε
Wɔ Kalvary musu dua so no so
Na Kristo maa me huu ne dɔ;
Wɔ Kalvary musu dua so no so
Na me bɔne adesoa fo tɔe
1
Momma yεnkɔ Kalvary nkɔhwε,
Na mogya bi repem wɔ hɔ;
Momma yεnkɔ Kalvary nkɔhwε,
Na Kristo gyefo no sεn hɔ
2
Yesu Kristo,, me kra gyefo pa
De ne mogya aguare me kra;
Yesu Kristo, me kra gyefo pa
Apopa me mmrato nyinaa
3
Yesu Kristo nkwagye no nti
Made me ho afi bɔne mu;
Yesu Kristo nkwagye no nti
Mafi owu mprunu no mu
4
Yesu Kristo adom abu so,
Enti m’anigye abu so
Yesu Kristo adom kwankyerε
De me nam kwan tenenee no so
5
Yesu Kristo wɔsure tumi
Ama m’ahu Onyankopɔn
Yesu Kristo wɔsure tumi
Ama m’abεn Onyankopɔn
6
Onyankopɔn awie n’adwuma,
Wɔ Yesu Kristo wu no mu,
Momma wɔn a wɔagye wɔn nyinaa
Nteεm nto nnwom sε alleluia
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 164 (Momma Yεnkɔ Kalvary Nkɔhwε) or copy the full lyrics.