Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 177 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Onyankopɔn De Soro Adom
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn de soro adom
Adom yεn wɔ Kristo mu,
Wama Israel ahu sε
Ɛno ne wɔn kra gyefo no
2
W’abue nkwa nsubura no so,
Nea εpem fi Kristo ne mfem no;
Nkwagye nsu ti no Kristo,
Ɛno ne Israel gyefo
3
Onyankopɔn na gyedifo
De wɔn werε ahyε ne mu,
Ɛremma wɔn anim nguase
Ɛbεgye wɔn a wɔ tweri no
4
Onyankopɔn de ne tumi
Bεbrε ’tamfo tumi ase,
Na w’ama yεahu ne nkwagye,
Na yεahyira ne din daa
5
Omyankopɔn da kεse no
Reba na wiase ahu,
Abɔde nyinaa bεkotow
Nea ne nkutoo wɔ tumi no
6
Onyankopɔn yε ’teasefo
Enti yεn werε kyekye daa;
Ɛremma yεahu prɔe da,
Ɛbεma yεahu sεnea ɔte
7
Ɛbεfrε wɔn a wɔabre
Sε wɔmmεhome wɔ ne nkyεn
Anigye dwom na yεbεto
De ahyira ne din no daa
8
Ɛsoro nnepa no bεmee yεn
Na yεne no atena daa,
Ɛgyefo no bεbɔ yεn din,
Afi ne nkwa nhoma no mu
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 177 (Onyankopɔn De Soro Adom) or copy the full lyrics.