Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 178 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Onyankopɔn Ne Yεn Wɔ Hɔ
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Onyankopɔn din yε kronkron
Ɛyε kronkron, εyε kronkron
Ɛyε kronkron wɔ soro hɔ,
Onyankopɔn din yε kronkron
1
Onyankopɔn ne yεn wɔ hɔ
Momma yε nto ne ho ndwom,
Onyankopɔn ne yεn wɔ hɔ
Enti yεn werε kyekye daa;
2
Onyankopɔn ne yεn yεn wɔ hɔ
W’ama yεahu sε ɔdɔ yεn
Ɛde nokware nsεmpa no
Ama yεn koma atε yεn yam
3
Onyankopɔn ne yεn yεn wɔ hɔ
N’adom nkwagye mu na yεte
Ɛde nam kwan tenenee so
Rekɔ kurow kronkron no mu
4
Onyankopɔn ne yεn yεn wɔ hɔ
Ɛbεma asi yεn yiye,
W’ama yεaya anidaso
Nti na yεma ne din so
5
Onyankopɔn ne yεn yεn wɔ hɔ
W’ama yεn ahoɔden foforo,
Onyankopɔn tumi wɔ hɔ
Ɛno na ɔde agye yεn
6
Onyankopɔn ne yεn yεn wɔ hɔ
Ɛno ne yεn soro Agya,
Ɛkasa ma yεte ne nne
Enti na yεaya ne nhyira
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 178 (Onyankopɔn Ne Yεn Wɔ Hɔ) or copy the full lyrics.