Hymn 267 of 316

Yesu Awurade Trenee Hene

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yesu Awurade trenee Hene Onyankopɔn ba me ponfo, Wo ne treneefo Awurade Ne nne a εteεm’ sare so; Me koma yε wo de, tena mu Di me kan wiase sum yi mu; Wo ne me hann ne me nkwagye, Ma w’asεm nyε menan ase hann
2
Yesu Awurade trenee Hene Ma m’adom ntena na minni w’akyi; Ma w’adom ntena me mu sum mu, Nni m’akyi wɔ bobe turo mu; Mahyε bɔ merennsan m’akyi; Kalvary ne manidaso, Wo ne soro nokware kwan pa, Ma ateasefo ne awufo
3
Yesu Awurade trenee Hene Ma me nguan mεhyε wo koko mu Sε me nkutoo soa asεndua no Rebɔ wo nokware no dawuru, Ma me mmata w oho sum mu; Ne ɔtamfo no nni asi; Nyame aguammaa sra me foforo, Nni w’akyi sε m’Awurade
4
Yesu Awurade trenee Hene Boa me na me nkɔ kalvary, Nkɔhwε asεndua no nnya ahoɔden Na me nko gyedi ko pa no; Awurade Yesu ma m’adom Mfa gyedi nsie ntu mirika no Nni w’akyi nsie me gyedi no Na manya nkwa obotire da no

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 267 (Yesu Awurade Trenee Hene) or copy the full lyrics.